Connect with us

Bible Study

Twi Daily Manna Devotion: God Cares For You

Published

on

Picture

DAADAA ♏ANNA

YAWOƆDA, ƆPƐPƆN 21, 2021

ONYANKOPƆN DWENE WO HO

? AKENKANSƐM : YESAIA 28:18-27

? ? Nnianimu Nyimu: “mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, efiri se daa anɔpa, awia ne anadwo na ɛbɛtwam; na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko” (Yesaia 28:19).

Biribiara a Nyankopɔn ma ho kwan ma no ba yɛn abrabɔ mu no kɔwie mfasoɔ de ma yɛn yieyɔ. Wei yɛ adeɛ a ɛtɔ mmerɛ bi a ɛden sɛ wobɛte aseɛ nkanka mmerɛ a yɛnya tebea bi ano ɛden anaa yɛhyia abrabɔ mu ahum a ɛtu oo na ɛde kɔ owuo mu. Saa berɛ no na nsɛmmisa pii di yɛn trim akɔneaba sɛ w’ayi yɛn kɔtɛnkro sɛ yɛnhunu saa nkrabea yi sane mpo bisa sɛ, adɛn mpo na ɛkame ayɛ sɛ Onyankopɔn agyae yɛn agyeigyei mu yi?

Nanso Onyankopɔn mma kwan saa sɛ yɛnfa saa suahunu hodoɔ yi a ɛbɛma yɛn gyidie ayɛ mmerɛ anaa sɛ aseɛ yɛn abrabɔ mu. N’ani da hɔ paa nim nea Ɔreyɛ sane nso yɛ ahwɛyie wɔ mmerɛ a Ɔporo N’asaase a ɛne Asafo no. Ɛwɔ nnɛ akenkansɛm mu no, ɔtuu Israel fo sɛ, ɛwom sɛ atemuo aba wɔn so deɛ nanso sɛ wɔyɛ aso bɔkɔɔ ma No na wɔsesa wɔn akwan a, Ɔbɛsane ayi Ne dɔ foforɔ ne Ne dawene foforɔ adi de ama wɔn.
Onyankopɔn daa Ne dɔ a Ɔwɔ de ma Israel adi de faa nhwɛsoɔ wɔ sɛnea Okuani fa kwan bi so tutu fam, dua aba ahodoɔ wɔ beaɛ a ɛfata; na sɛ ɛduru otwa berɛ a, ɔfa nyansa kwanso de abaa anaa dadeɛ poma pɔre nnuaba no mma ahodoɔ nanso ɔmmubu saa nnuaba yi mu nseɛ no. Wei ne nimdeɛ papa so nsunsuansoɔ. Nanso Onyankopɔn yɛ paa ara kyene saa okuani yi a ɔwɔ tema yi. Ɔyɛ Ɔnwanwani ɛwɔ afutuo mu sane nso yɛ ade wɔ N’adwumayɛ mu. Ne nyansa ne Ne nimdeɛ a ɛmu dɔ a nneboɔ yɛ den no yɛ adeɛ a ɛmu nni hwehwɛbea na “wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da”.

Ɛbia na amanehunu ne sɔhwɛ bi a ano yɛ den paa ara na ato yɛn, nanso Nyankopɔn mma kwan mma no mmɛseɛ yɛn. Ɔnim yɛn akorankorɛ tebea ahodoɔ ne yɛn mmerɛyɛ nyinaa. Ɔwɔ hɔ daa hunu ma yɛn na N’ayamye de ma yɛn dɔɔso paa wɔ aberɛ a yɛde N’asɛm ɛtena ase daa.

? DEƐ YƐ DWENE HO ƐNNƐ: Onyankopɔn dwene wɔn a wɔnante wɔ Ne pɛ mu no ho yie paa.

? Twerɛsɛm Akenkan afe BAAKO MU ?: ƐKSODOS 17-19

By Rev. John Adinkra

Paulina Atenei Anaba is a Ghanaian freelance journalist and blogger, an entrepreneur, and a french tutor at Gbewaa College of Education. She is currently writing for Ghana's vibrant entertainment blog, Zackgh.com and her personal blog, paulinaanaba.com. She holds a degree in English and French from U.C.C. A Masters degree in French (Linguistics) from the University of Ouagadougou. she is a team player and can work under any circumstance.Contact her on 0549614358 @zackgh.com and Paulinaanaba.com to publish articles in your community and also to help promote and upload songs as well on our page. For your translations from French to English and vice versa, contact her.

Click to comment

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *